1 Corinthians 13

Ɔdɔ

1Sɛ mede nnipa ne abɔfo tɛkrɛma kasa na minni dɔ a, na mete sɛ ayowa a ɛregyigye anaa akasae a ɛrewosow. 2Ebia na mewɔ akyɛde a mitumi ka Asɛmpa no ma ɛka nnipa koma; ebia na mewɔ osuahu ne ntease ma mete ahintasɛm nyinaa; ebia na mewɔ gyidi a ɛma mitumi tutu mmepɔw nanso sɛ minni ɔdɔ a, menka hwee. 3Metumi de nea mewɔ nyinaa makyɛ na mpo matu me nipadua asi hɔ sɛ wɔnhyew nanso sɛ minni ɔdɔ a, ɛnyɛ me papa biara.

4Ɔdɔ wɔ boasetɔ na ne tirim yɛ mmerɛw; ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw anaa ɛnkyerɛ ne ho anaa onni ahomaso su; 5ɔdɔ mmu ɔbra bɔne; ɔnyɛ pɛsɛmenkominya; ne bo nhaw no; ɔmfa bɔne nhyɛ ne mu; 6ɔdɔ mpɛ bɔne na mmom, ɔpɛ nokware. 7Ɔdɔ basa mu mmu; ne gyidi, nʼanidaso ne ne boasetɔ nni hwammɔ.

8Ɔdɔ wɔ hɔ daa. Nkɔmhyɛ wɔ hɔ nanso ɛnte hɔ daa; akyɛde a ɛma wɔka kasa foforo wɔ hɔ nanso ɛwɔ nʼawiei; osuahu wɔ hɔ nanso ebetwam. 9Nea yenim no ne nkɔm a yɛhyɛ no yɛ fa bi; 10nanso nea edi mu no ba a, nea ɛyɛ fa bi no tu yera.

11Meyɛ abofra no mekasae sɛ abofra, medwenee sɛ abofra, misusuwii sɛ abofra, na meyɛɛ ɔpanyin yi, magu mmofrasɛm no. 12Nea yehu no mprempren no te sɛ su bi a ɛyɛ kusuu wɔ ahwehwɛ mu. Ɛno akyi, yebehu no kann. Nea minim mprempren no yɛ ɛho fa bi; akyiri yi, ebedi mu te sɛ Onyankopɔn nimdeɛ a ɔwɔ wɔ me ho no.

13Na afei ade abiɛsa yi na ɛwɔ hɔ: gyidi, anidaso, ɔdɔ; na ɔdɔ ne mu kɛse.

Copyright information for TwiNAK